Psalms 125

Ɔsoroforo dwom.


1 Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion,
a ɛnwosow na etim hɔ daa no.

2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia
mprempren ne daa.


3 Amumɔyɛfo ahempema renka asase a
wɔde ama atreneefo no so,
sɛ ɛba saa a, atreneefo
nam wɔn so bɛyɛ bɔne.


4 Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,
wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.

5 Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de,
Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu.

Asomdwoe nka Israel.
Copyright information for TwiAKNA