Psalms 28

Dawid dwom.


1 Wo na misu frɛ wo,
Awurade me Botan;
nsiw wʼaso wɔ me ho.
Sɛ woyɛ komm a,
mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.

2 Tie me mmɔborɔsu
bere a mefrɛ wo apɛ mmoa,
bere a mema me nsa so
kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.


3 Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,
mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.
Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,
nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.

4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so;
wɔn adwuma bɔne no so;
tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka
na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.


5 Sɛ wommu nea Awurade ayɛ
ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti
ɔbɛbrɛ wɔn ase
na ɔremma wɔnnsɔre bio.


6 Ayeyi nka Awurade,
efisɛ watie me mmɔborɔsu.

7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo
me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me.
Me koma di ahurusi
na mede dwonto bɛda no ase.


8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo;
ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.

9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade;
yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.
Copyright information for TwiAKNA