Zechariah 4

Sikakɔkɔɔ Kaneadua Ne Ngonnua Abien No

1Afei ɔbɔfo a ɔne me kasae no san nʼakyi benyan me, sɛnea wonyan obi fi ne nna mu no. 2Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?”

Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so.
3Bio, ngonnua abien sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, na baako nso wɔ ne benkum so.” 4Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no se, “Eyinom yɛ dɛn, me wura?”

5Obuae se, “Wunnim nea eyinom yɛ ana?”

Mekae se, “Dabi, me wura.”

6Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.

7“Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”

8Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 9“Serubabel nsa na ato asɔredan yi fapem, ne nsa nso na ebewie. Na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

10“Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye.

“(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”

11Na mibisaa ɔbɔfo no se, “Saa ngonnua abien no a esisi kaneadua no nifa ne benkum no yɛ dɛn?”

12Na mibisaa no bio se, “Ngodua mman abien a ehwie ngo a ani yɛ akokɔsrade fa sikakɔkɔɔ dorobɛn abien no mu no yɛ dɛn?”

13Obuae se, “Enti wunnim nea eyinom yɛ ana?”

Mibuae se, “Dabi, me wura.”

14Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.”
Copyright information for TwiAKNA