1 Timothy 4

Atoro akyerɛkyerɛfo

1Honhom no si no pi sɛ, akyiri yi, nnipa bi begyaa gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom akyi na wɔadi ahohommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. 2Saa nkyerɛkyerɛ yi fi atorofo nnaadaa a wɔyɛ adwenewuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no. 3Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ enye sɛ obi ware na nnuan bi nso wɔ hɔ a, enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ gyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di.

4Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. 5Efisɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.

6Sɛ wokyerɛkyerɛ anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo.

7Nsɛe wo bere wɔ atorosɛm ho. Mmom hyɛ wo ho, na yɛ kronn. 8Ɛwom sɛ honam mu mmɔdenbɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdenbɔ ho hia akwan nyinaa mu, efisɛ, ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. 9Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye tom na wogye di. 10Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ, yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no, gyidifo Agyenkwa no mu.

11Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. 12Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii enti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. 13Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa wo dom akyɛde som

14Honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu so a wonnyaee no, nnyaa mu. 15So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso. 16Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ, sɛ woyɛ saa a wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.

Copyright information for TwiNAK