1 Timothy 6

Adwuma ne sika

1Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛyerɛ no. 2Ɛnsɛ sɛ asomfo a wɔn wuranom yɛ gyidifo bu wɔn abomfiaa efisɛ, wɔn nyinaa yɛ anuanom. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn som pa efisɛ, wɔn a wobenya wɔn som no ho mfaso no ne gyidifo a wɔdɔ wɔn no. 3Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo na ɔrenka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no, 4yɛ ɔhantani a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwene bɔne mu gye akyinnye na ɔko nsɛm so a, ɛnam so de anibere, akasakasa, ayeyawayeyaw, nnipa ho adwemmɔne 5ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ mu na nokware nni mu ba mu. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔnam so pɛ sika.

6Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, nyamesom ma saa onipa no yɛ ɔdefo. 7Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. 8Ɛno nti, sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. 9Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu. 10Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneenen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.

11Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn nipa, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi. 12Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ, saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ adansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.

13Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ, 14tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba. 15Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno yɛ Hene, Ahene mu Hene ne Awurade mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu. 16Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa. Ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen.

17Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se, wɔmmfa wɔn ahonya nnhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nnhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔe so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. 18Hyɛ wɔn se, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ. 19Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.

20Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a nnipa bi frɛ no “Nimdeɛ” no ho. 21Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no.

Onyankopɔn adom nka mo.

Copyright information for TwiNAK