2 Thessalonians 1

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn. Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no:

2Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

3Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ, mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no den ara na ɛreyɛ. 4Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo horow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho. 5Eyinom nyinaa di adanse sɛ, Onyankopɔn bu atɛntrenee ɛno nti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu. 6Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane, 7na mo a morehu amane no ne yɛn nso, wama yɛahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi soro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no, 8abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. 9Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu 10da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.

11Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. 12Yɛbɔ mpae sɛnea wɔnam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu.

Copyright information for TwiNAK