Acts 10

Petro ne Kornelio

1Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia asraafodɔm no so panyin. 2Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae. 3Da bi awia bɛyɛ nnɔn abiɛsa no, ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”

4Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Asɛm bɛn, Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 5Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. 6Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.”

7Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiei a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, 8kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.

9Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no no, Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae. 10Saa bere no, ɔkɔm dee no; na wogu so reyɛ aduan ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu. 11Ohui sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere nʼafanan fi soro resian ba fam. 12Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma.

13Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”

14Petro buae se, “Dabida, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”

15Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”

16Saa anisoadehu yi bae mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ soro. 17Saa bere a na Petro redwennwene anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduu Petro abobow ano. 18Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te anaa?”

19Petro gu so redwennwene anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ, me na masoma wɔn.”

21Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no na mo amanneɛ?”

22Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.”

23Petro gyee nnipa no som wɔn hɔho. Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne gyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe.

Petro kɔ Kornelio fi

24Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25Petro reyɛ awura ofie hɔ no, Kornelio hyiaa no buu no nkotodwe.

26Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”

27Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree.

28Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka se onipa bi ho ntew. 29Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

30Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnanan awia nnɔn abiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihui sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim. 31Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 32Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn’. 33Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”

Petro asɛnka

34Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35na mmom, ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no, ogye no. 36Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no. 37Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasaretni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti, ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.

39“Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefo. Wɔbɔɔ no asɛnnuam, kum no. 40Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma oyii ne ho adi. 41Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee. 42Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka Asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no. 43Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne befiri no.”

Amanamanmufo nya Honhom Kronkron

44Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45Yudafo gyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu Amanamanmufo no nso so. 46Efisɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. 47Petro kae se, “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan anaa?” 48Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.

Copyright information for TwiNAK