Acts 25

Festo di Paulo asɛm

1Festo besii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. 2Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no kwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti, 5wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ.

6Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obedui adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm.

7Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so. 8Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ, menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.”

9Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti, obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?”

10Paulo buae se, “Esiane sɛ ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn, efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. 11Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan metoa ɔhempɔn Kaesare.”

12Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa ɔhempɔn Kaesare no nti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”

Paulo ho nkɔmmɔdi

13Nna bi akyi no, ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14Wɔwɔ hɔ no, Festo ne ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no odeduani; 15na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyin ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no se minnyina so mmu no kumfɔ. 16Nanso meka mekyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ bere a wonnii nʼasɛm; wɔmma no ho kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho.

17“Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm. 18Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. 19Nsɛm a wɔkae no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. 20Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no nti, mibisaa Paulo se ɔpɛ sɛ mikodi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa? 21Nanso Paulo guan toaa ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ ɔhempɔn Kaesare anim.”

22Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ mʼankasa mitie nʼano asɛm.” Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm.”

Paulo gyina Ɔhene Agripa anim

23Ade kyee no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kaa ne ho kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ.

24Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no, 25nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. 26Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wuwie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so makyerɛw ne ho asɛm. 27Minnye nni sɛ ntease wom sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!”

Copyright information for TwiNAK