Acts 9

Saulo adwensakra

1Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase. 2Ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem.

3Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi fi soro twa faa ne ho, 4ma otwa hwee fam. Afei ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”

5Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Awura?” 6Nne no buae se, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”

7Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no nanso wɔanhu obiara. 8Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani nanso na onhu ade. Enti wokitakita no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. 9Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso.

10Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!” Ogyee so se, “Awurade!”

11Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae. 12Anisoadehu mu, ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan ahu ade.”

13Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ɔhaw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no. 14Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”

15Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma Amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din. 16Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”

17Afei, Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwan so bere a woreba no asoma me se, memmebue wʼani na hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon fii nʼani so na ohuu ade. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19Onyaa aduan bi di mee no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.

Saulo ka Asɛmpa no wɔ Damasko

20Ofii ase kaa Asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.

21Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.”

22Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.

23Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no 24nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔe wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam.

Saulo kɔ Yerusalem

26Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛe sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ, na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani. 27Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. 30Bere a gyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔe wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.

31Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.

Petro sa nyarewa

32Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi, ɔkɔsraa gyidifo a wɔwɔ Lida no, 33ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enia a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ.

34Petro ka kyerɛɛ no se, “Enia, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enia sɔree. 35Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.

36Na ɔbea gyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa boaa ahiafo. 37Saa bere koro yi ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.

39Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no. 40Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe bɔɔ mpae dan nʼani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew nʼani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ gyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn.

42Saa asɛm yi trɛwee wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade dii. 43Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛe kakra.

Copyright information for TwiNAK