Hebrews 1

Onyankopɔn akasa

1Mmere a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan horow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo.

2Mmom mmere a edi akyiri yi de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de.

3Ɔnam Onyankopɔn anuonyam hyerɛn a ɔhyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fi wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ soro.

4Ɛno nti, ɔyɛɛ kɛse sen abɔfo no, efisɛ edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no. 5Efisɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba na nnɛ, mabɛyɛ wʼagya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼagya na wayɛ me Ba.” 6Bere a Onyankopɔn pɛe sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.” 7Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn yɛ nʼabɔfo mframa ne nʼasomfo gyadɛwee.” 8Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae sɛ, “O, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼahenni yɛ atɛntrenee. 9Wodɔ trenee, na wukyi bɔne; ɛno nti na Onyankopɔn a ɔyɛ wo Nyankopɔn no yii wo hyɛɛ wo anuonyam a ɛso sen wʼahokafo no.”

10Onyankopɔn san kae se, “Wo, Awurade, na mfitiase no wobɔɔ asase na wode wʼankasa wo nsa bɔɔ soro. 11Ne nyinaa betwam na wo de wobɛtena hɔ; ne nyinaa behi sɛ ntamagow. 12Wɔbɛbobɔw no sɛ atade, na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wo de, daa wote sɛ nea wote; na wo mfe renhi da.”

13Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so kosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo nan ase ntiaso.”

14Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

Copyright information for TwiNAK