John 12

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

1Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyanee no fi awufo mu no te mu no mu. 2Wɔtow Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa opontow yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. 3Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinhwi popae. Ngo no hua gyee ofie hɔ nyinaa.

4Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri yi obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, 5enti ɔkae se, “Adɛn nti na wantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” 6Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

7Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu. 8Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”

9Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ; ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no fii awufo mu no nso. 10Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, 11efisɛ, esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.

Yesu kɔ Yerusalem

12Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛm se, “Hosiana! Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no. Nhyira nka Israelhene!”

14Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se, 15“Nsuro, Sion babea! Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so reba wo nkyɛn.”

16Mfitiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa no ho dedaw na ɛno ara ne nea wɔayɛ ama no no.

17Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhui sɛ Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. 18Eyi nti na nnipa bebree kɔe sɛ wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwonwade.

19Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ ye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”

Yesu hyɛ ne wu ho nkɔm

20Afahyɛ bere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa ba no anuonyam. 24Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii. 25Obiara a ɔdɔ ne kra no, bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no, benya nkwa a enni awiei.

26“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi; na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”

27Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane. 28Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɔkasa wiei no, nne bi fi soro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.” 29Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro bɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.

30Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti. 31Afei bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu. 32Sɛ wonya ma me so fi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.

34Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne saa Onipa Ba no?”

35Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan. 36Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiei no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.

Yudafo gu so gye akyinnye

37Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara. 38Eyi ne odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se, “Awurade, hena na obegye yɛn adi? Na hena nso na obegye wʼanwonwadwuma no adi sɛ adansedi?” 39Yudafo no annye anni efisɛ, na odiyifo Yesaia asan aka se, 40“Onyankopɔn afura wɔn ani, na wapirim wɔn koma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu ade na wɔrente biribiara ase, anaasɛ wɔbɛdan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.” 41Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.

42Mpo, na Yudafo mpanyin no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.

44Yesu teɛɛm se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di. 45Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso. 46Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu. 47Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ, mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom mebae sɛ merebegye wɔn nkwa. 48Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmu da no ebebu mo atɛn. 49Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ me ara ankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no.

50“Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me se menka biara no, ɛno na meka!”

Copyright information for TwiNAK