Luke 6

Homeda ho asɛmmisa

1Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee.

2Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”

3Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea ɔhene Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu anaa? 4Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa abodoo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di gye asɔfo nko ara no de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.” 5Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”

6Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7Mmara no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso anaa. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so, asa yare na wɔn nsa aka no akyere no.

8Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ. 9Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mibisa mo. Dɛn na Mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”

10Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no emu yɛɛ den sɛ baako no. 11Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.

Yesu yi asuafo dumien

12Da bi Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae. Ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa. 13Ade kyee no, ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na oyii wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo. 14Dumien a oyii wɔn no din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon ne nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo, 15Mateo, Toma, Yakobo, a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote; 16Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.

Yesu sa nyarewa

17Yesu fi bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae. 18Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahohommɔne bebree. 19Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

20Afei ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn Ahenni no yɛ mo dea! 21Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahow, na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22Nhyira ne mo a me din nti nnipa tan mo, na wɔpa mo, na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi. 23Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ, mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.

24“Na mo adefo de, munnue efisɛ, nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio. 25Munnue, mo a moamee mprempren, na mo na ɔkɔm bɛde mo! Munnue, mo a moreserew mprempren, na mo na mubesi apini, asu. 26Munnue, mo a nnipa kamfo mo, efisɛ, saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.

Monnɔ mo atamfo

27“Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se, monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. 28Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.

29“Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho. 30Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio. 31Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

32“Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. 33Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye. 34Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea hwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.

35“Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyiri bio. Na sɛ moyɛ eyinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ soro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe dom bonniayɛfo nso.

36“Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ mmɔborɔhunufo no. 37Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa mfiri, na wɔde afiri mo. 38Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”

39Yesu nam abebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. 40Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a, ɔbɛsɛ ne wura.

41“Adɛn nti na woma anhwea a egu wo nua ani so haw wo, bere a ɔbo da wo de so? 42Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw anhwea a egu wʼani so no mma wo’ wɔ bere a ɔbo a ɛda wʼani so no wunhu. Nyaatwom, di kan yi ɔbo a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw anhwea a egu wo nua ani so no ama no.

43“Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa. 44Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew asɛ mfi akatewa so. 45Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.

46“Adɛn nti na mofrɛ me Awurade, nanso munni mʼasɛm so? 47Mekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te. 48Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na otwaa ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔe maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso antumi ammu, efisɛ, osi sii ɔbotan so.

49“Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no, te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii anhwea so, na osu tɔe maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriwii.”

Copyright information for TwiNAK