Matthew 10

Asuafo dumien no

1Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

2Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no; 3Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyefo Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo, 4Simon a ofi Kana, ne Yuda Iskariot a akyiri yi, oyii Yesu mae no.

5Yesu somaa asomafo dumien no, hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ nea Amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu, 6na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan, a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’ 8Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.

9“Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ, anaa kɔbere sika biara mmɔ mo ho. 10Mommfa akwantubɔtɔ biara a mode nneɛma bi sɛ ntama, ntade anaa mpaboa bɛhyɛ mu. Poma mpo, munnkita bi. Ɛsɛ sɛ wɔn a moboa wɔn no tumi hwɛ mo. 11Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a Onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan, na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo. 12Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’ 13Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, munnhyira wɔn. 14Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfuturu a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ. 15Nokware ni, atemmu da no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.

Ɔtaa ho nkɔmhyɛ

16“Monkae sɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma. 17Nanso, monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma mo anya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne Amanamanmufo no.

19“Sɛ wɔkyere mo a, munnnwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu. 20Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo soro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.

21“Onua beyi onua ama, na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn. 22Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no, wobegye no nkwa.

23“Sɛ wɔtaa mo kurow bi mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba. 24Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura. 25Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo! 26Munnsuro wɔn a wobehunahuna mo. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoam no nyinaa bɛda adi.

27“Nea mereka makyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.

28“Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua, nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum nipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. 29Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Abien bo nyɛ pɛsewa pɛ? Nanso, akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi. 30Mo tinhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31Enti, munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.

32“Obiara a ɔbɛka se onim me nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ soro no anim. 33Nanso, obiara a ɔbɛka se onnim me nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ soro no anim.

Ɛnyɛ asomdwoe, ɛyɛ ɔko

34“Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom, ɔko na mede bae. 35Maba sɛ mɛma ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea. 36Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi. 37Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no, rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no, rentumi nyɛ me de ara nen. 38Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.

39“Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ wode wo kra no ma me a, wobegye no nkwa.

40“Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.

42“Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

Copyright information for TwiNAK