Matthew 8

Yesu sa nyarewa

1Bere a Yesu sianee bepɔw no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. 2Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wopɛ a, sa me yare.”

3Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, “Mɛsa wo yare. Kwata, fi ne so kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no fii ne ho.

4Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adanse no.”

5Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo panyin bi a dɔm hyɛ nʼase baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe kae se, 6“Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”

7Yesu ka kyerɛɛ no se, “Mɛba abɛsa no yare.”

8Asraafo panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi, na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. 9Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabofra se ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara nen. Nanso minim sɛ, wowɔ tumi a wubetumi de apam ɔyare no ma afi ne so.”

10Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. 11Na meka makyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro ahenni no mu. 12Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛtow wɔn agu esum kabii mu ama yaw.”

13Yesu ka kyerɛɛ asraafo panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no aba mu ama wo!” Saa bere koro no ara mu, abofra no ho tɔɔ no!

Yesu sa Petro ase yare

14Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii abɔ Petro ase bea ma ɔda hɔ. 15Yesu soo ne nsa, na amonom, atiridii no tu fii ne so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

16Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahohommɔne bebree brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahohommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa no baa mu.”

Yesu akyidi

18Yesu hui sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wonsiesie wɔn ho na wontwa nkɔ asuogya nohɔ.

19Ɛhɔ ara, Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”

20Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ ntokuru, wim nnomaa nso wɔ birebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

21Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na menkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”

22Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu wɔ honhom mu no, nsie wɔn awufo.”

Yesu brɛ ahum ase

23Yesu saa nyarewa no wiei no, ɔtenaa ɔkorow mu ne nʼasuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ. 24Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tui maa asorɔkye bu bɛkɛtaa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada.

25Nʼasuafo no de nteɛteɛm kɔɔ ne nkyɛn konyanee no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

26Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua. Adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. 27Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Yesu tu ahohommɔne

28Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahohommɔne wɔ wɔn so fi amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.

29Wohuu no pɛ, wofitii ase teɛteɛɛm se, “Onyankopɔn Ba, ɛdɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Wunni ho kwan sɛ saa bere yi mu, woyɛ yɛn ayayade biara.”

30Saa bere koro no ara mu, na mprako redidi wɔ nkyɛn baabi. 31Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprako yi mu.”

32Yesu teɛɛ wɔn se, “Mumfi!” Ɛhɔ ara, ahonhommɔne no fii nnipa no mu kɔhyɛn mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sianee bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn. 33Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. 34Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ.

Copyright information for TwiNAK