Psalms 116

Obi a wɔagye no afi owu mu nkamfo

1Medɔ Awurade efisɛ, otie me.
Otie me mpaebɔ.
2Bere biara a mefrɛ no no, ogye me so.
3Owu hama kyekyeree me na damoa ho ahometew twiw bɛn me.
Ɛma mebɔɔ hu.
4Na mefrɛɛ Awurade se, “Mesrɛ wo,
Awurade, gye me nkwa!”
5 Awurade hu mmɔbɔ na oye; yɛn Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo.
6 Awurade bɔ wɔn a wonni bi ho ban.
Bere a mewɔ ɔhaw mu no, ogyee me.
7Nya gyidi, me koma, efisɛ,
Awurade ayɛ me yiye.
8 Awurade gyee me fii owu mu; otwaa me nusu so na wamma manni nkogu.
9Enti menam Awurade anim wɔ ateasefo mu.
10Sɛ ɛba sɛ meka se, “Wabubu me koraa” a, mekɔ so gye no di.
11Me suro mu, sɛ meka se, “Obi nni hɔ a yɛde yɛn ho to no so” koraa a, mekɔ so gye no di.
12 Awurade papa a wayɛ me yi akyi, dɛn na metumi de ama no?
13Mede nsa aseda bɛma Awurade sɛ wagye me nkwa.
14Ne nkurɔfo aguabɔ ase na mede nea mede hyɛɛ no bɔ no bɛma no.
15Awurade nkurɔfo no bi wu a, ɛyɛ no yaw yiye.
16Meyɛ wo somfo,
Awurade.
Mesom wo sɛnea me na yɛe.
Woagye me afi owu mu.
17Mede aseda bɛbɔ wo afɔre na mabɔ wo mpae.
18Sɛ wo nkurɔfo nyinaa bɔ gua wɔ wo fi wɔ Yerusalem Kronkron mu Kronkron mu hɔ a,
19mede nea mahyɛ wo ho bɔ no bɛma wo.
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK