Psalms 119

Awurade mmara

1Nhyira nka wɔn a wɔn asetena yɛ pɛ, na wodi Awurade mmara so.
2Nhyira nka wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu di nʼahyɛde so.
3Wɔnyɛɛ mfomso.
Wɔnam Awurade akwan so.
4 Awurade, wo na wohyɛɛ mmara maa yɛn na wokae se yɛnni so nokwarem.
5Mewɔ anidaso yiye sɛ medi wʼasɛm so.
6Sɛ meyɛ aso ma wʼahyɛde a, mʼanim rengu ase.
7Mesua wʼatɛntrenee yi; mede koma a emu tew bɛkamfo wo.
8Medi wo mmara so; nnyaw me.

Osetie wɔ Awurade mmara ho

9Ɛbɛyɛ dɛn na aberante abɔ ɔbra pa?
Ɛsɛ sɛ odi wo mmara so.
10Mifi me koma nyinaa mu pɛ sɛ mesom wo.
Mma mennyɛ asoɔden wɔ wo mmara no so di ho.
11Mede wo mmara no sie me koma mu sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
12Mekamfo wo,
O Awurade; kyerɛ me wʼakwan.
13Mɛpae mu mati mmara a woahyɛ ama me no nyinaa mu.
14Mʼani gye sɛ medi wo mmara so sen sɛ mɛyɛ ɔdefo.
15Misua wo mmara na mehwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ mu.
16Mʼani gye wo mmara ho; me werɛ remfi wʼahyɛde da.

Awurade mmara mu ahotɔ

17Yɛ me wo somfo yiye, sɛnea mɛtena ase na mʼadi wo nkyerɛkyerɛ so.
18Bue mʼani na minhu nokware a ɛyɛ nwonwa wɔ wo mmara no mu.
19Mewɔ asase yi so mmere tiaa bi; mfa wo mmara no nhintaw me.
20Me koma ani agyina sɛ ebehu wʼatemmu bere nyinaa.
21Woka ahantanfo anim.
Nnome nka wɔn a wobuu wo mmara so.
22Gye me fi wɔn kasatia ne wɔn atwetwesi mu efisɛ, madi wo mmara so.
23Ahene hyia pam me tiri so, nanso mesua wo nkyerɛkyerɛ.
24Wo mmara ma mʼani gye; ɛyɛ me fotufo.

Awurade mmara so di ho nsua

25Wɔadi me so ma meda mfutuma mu; kanyan me sɛnea woahyɛ me bɔ no.
26Mekaa nea mayɛ nyinaa ma wubuaa me; kyerɛ me wʼakwan.
27Boa me na mente wo mmara no ase na mede wo nkyerɛkyerɛ no bɛkɔ adwenem.
28Awerɛhow ahyɛ me so; hyɛ me den sɛnea woahyɛ me bɔ no.
29Mma memmfa ɔkwan bɔne so na wo yiyedi mu, kyerɛ me wo mmara.
30Maka se mɛyɛ osetie.
Matie wʼatemmu.
31 Awurade, madi wo nkyerɛkyerɛ akyi; mma mʼanim nngu ase.
32Mede ahosɛpɛw bedi wʼahyɛde so efisɛ, wobɛma mate ase yiye.

Ntease ho mpaebɔ

33Kyerɛkyerɛ me wo mmara no ase,
Awurade, na medi so mmere nyinaa mu.
34Kyerɛ wo mmara no mu kyerɛ me na medi so; mede me koma nyinaa bedi so.
35Ma menyɛ osetie mma wo mmara no efisɛ, emu na menya ahotɔ.
36Ma me ɔpɛ pa na minni wo mmara no so sen sɛ mɛyɛ ɔdefo.
37Mma minnni nneɛma a ɛho nni mfaso akyi; yɛ me adɔe sɛnea woahyɛ me bɔ no.
38Hyɛ me wo bɔ; wo somfo; ɛbɔ a wohyɛ wɔn a wotie wo no.
39Gye me fi kasatia a misuro mu; wʼatemmu yɛ nwonwa.
40Mepɛ sɛ midi wo mmara so; ma me nkwa foforo efisɛ, woyɛ trenee.

Awurade mmara no mu ahotoso

41Ma minhu dɔ a wodɔ me,
Awurade, na gye me nkwa sɛnea wohyɛɛ bɔ no.
42Afei metumi mabua wɔn a wɔkasa tia me no efisɛ, migye wʼasɛm no midi.
43Ma menka nokware daa efisɛ, mʼanidaso wɔ wʼatemmu mu.
44Mɛkae wo mmara no daa daa.
45Mɛfa me ho adi kora kora efisɛ, mebɔ mmɔden sɛ metie wo nkyerɛkyerɛ.
46Mɛbɔ wo mmara no dawuru akyerɛ ahene na mʼani renwu.
47Mʼani gye sɛ midi wo mmara no so efisɛ, medɔ mmara no.
48Mibu wo mmara no, dɔ no.
Mɛdwene wo nkyerɛkyerɛ no ho.

Awurade mmara no mu ahotoso

49Kae bɔ a woahyɛ me, wo somfo no; ama manya anidaso.
50Mʼamanehunu mu mpo, wokyekyee me werɛ efisɛ, wo bɔhyɛ no maa me nkwa.
51Daa ahantanfo bu me animtia, nanso mentwee me ho mfii wo mmara no ho.
52Mekae wo tete atemmu no a, na me werɛ akyekye,
O Awurade.
53Sɛ mihu sɛ amumɔyɛfo rebu wo mmara no so a, na me bo afuw.
54Me bra kakra a mebɔɔ wɔ asase so no, mehyehyɛɛ wo mmara no ho dwom.
55Anadwo, mekae wo,
Awurade, na midwen wo mmara no ho.
56Minya mʼahotɔ fi wo mmara a midi so no mu.

Awurade mmara no sodi

57Wo ara na mehwehwɛ wo,
O Awurade; mehyɛ bɔ sɛ, medi wo mmara no so.
58Mede me koma nyinaa srɛ wo sɛ, hu me mmɔbɔ sɛnea wahyɛ bɔ no!
59Masesa me suban na mehyɛ bɔ sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.
60Medi wo mmara no so a meretwentwɛn me nan ase.
61Amumɔyɛfo asum me firi nanso me werɛ mfi wo mmara no.
62Ɔdasum, mesɔre kamfo wo wʼatɛntrenee ho.
63Wɔn a wɔsom wo ne wɔn a wodi wo mmara so yɛ me nnamfo.
64 Awurade, wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no ahyɛ asase so ma; kyerɛ me wʼahyɛde.

Awurade mmara sodi mfaso

65Woadi wo bɔhyɛ so Awurade, na wuye ma me, wo somfo.
66Ma me nyansa ne adwene efisɛ, migye wo mmara no di.
67Bere a na wotwe mʼaso no, na meyɛ mfomso nanso afei, medi wʼasɛm so.
68Wowɔ adɔe, kyerɛ me wo mmara no.
69Ahantanfo adi atoro afa me ho, nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
70Saa nnipa yi nni ntease, nanso mewɔ anigye wo mmara no mu.
71Na mʼasotwe no fata me efisɛ, ɛma misuaa wo mmara no.
72Mmara a wode mae no ho baa me mfaso sen wiase sika nyinaa.

Nokware a ɛwɔ Awurade mmara mu

73Wo na wobɔɔ me na wokoraa me asomdwoe mu; ma me ntease sɛnea metumi asua wo mmara no.
74Wɔn a wodi wo ni no hu me a, wɔn ani begye efisɛ, migye wo bɔhyɛ no di.
75Minim sɛ wubu atɛntrenee,
Awurade, na wotwee mʼaso efisɛ, woyɛ ɔnokwafo.
76Ma wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no nkyekye me werɛ sɛnea woahyɛ me a meyɛ wo somfo bɔ no.
77Hu me mmɔbɔ, na mɛtena ase efisɛ, mʼani gye wo mmara no ho.
78Ma ahantanfo a wɔka nsɛm a enni mu gu me so no ani nwu.
Me de, midwen wo nkyerɛkyerɛ no ho.
79Ma wɔn a wodi wo ni no mmra me nkyɛn; wɔn a wonim wo mmara nyinaa.
80Ma minni wo mmara so pɛpɛɛpɛ na nkogu aniwu amma me so.

Ogye mpaebɔ

81Mayɛ mmerɛw,
Awurade; meretwɛn sɛ wubegye me.
Migye wʼasɛm midi.
82Mʼani ahwɛ wo bɔ a wohyɛɛ me no kwan abrɛ, bere a mibisa se, “Bere bɛn na wobɛboa me?” no.
83Me ho mfaso asa sɛ akotokyiwa a wɔatow akyene, nanso me werɛ mfi wahyɛde no.
84Mentwɛn nkosi da bɛn?
Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
85Ahantanfo a wonni wo mmara so no atu amoa de asum me firi.
86Wʼahyɛde nyinaa yɛ nokware; nnipa nam atoro so taa me; boa me!
87Wɔreyɛ anya me akum me, nanso mempoo wʼahyɛde no.
88Wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no nti, yɛ me adɔe sɛnea medi wo mmara no so.

Awurade mmara mu gyidi

89O Awurade, wʼasɛm no bɛtena hɔ daa daa; ɛwɔ ɔsoro daa nyinaa.
90Wo nokwasɛm wɔ hɔ mfe nyinaa.
Wode asase adua baabi, na etim hɔ.
91Wʼahyɛde nti, nneɛma nyinaa wɔ hɔ besi nnɛ efisɛ, wɔn nyinaa yɛ wʼasomfo.
92Sɛ wo mmara mma me anigye a, anka ɔhaw bekum me.
93Meremmu wo nkyerɛkyerɛ no so da efisɛ, ɛno na ama mete ase.
94Meyɛ wo de; gye me nkwa!
Mabɔ mmɔden sɛ medi wʼahyɛde so.
95Amumɔyɛfo retwɛn pɛ sɛ wokum me nanso medwinnwen wo mmara no ho.
96Mahu sɛ biribiara wɔ nea ɛkɔpem; nanso wʼahyɛde no ho nni asɛm.

Awurade mmara no ho dɔ

97Medɔ wo mmara no dodo!
Midwen ho bere biara.
98Wʼahyɛde ka me ho bere biara.
Ɛma mʼani tew sen mʼatamfo.
99Mete ase yiye sen mʼakyerɛkyerɛfo efisɛ, midwen wo nkyerɛkyerɛ ho komm.
100Mewɔ nyansa sen nkwakoraa efisɛ, midi wʼahyɛde so.
101Mapa bɔne su nyinaa efisɛ, mepɛ sɛ midi wʼasɛm so.
102Minnyaa wo nkyerɛkyerɛ no mu efisɛ, wone me kyerɛkyerɛfo.
103Wo nkyerɛkyerɛ no yɛ dɛ dodo.
Ɛyɛ dɛ sen ɛwo.
104Misua nyansa fi wo mmara no mu, ɛno nti, mikyi suban bɔne.

Hann a efi Awurade mmara mu

105Wʼasɛm yɛ kanea a ɛkyerɛ me kwan na ɛyɛ me kwan so kanea.
106Medi me bɔhyɛ so na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
107 Awurade, mʼamanehunu mu yɛ den dodo; hyɛ me nkwa mu den sɛnea woahyɛ me bɔ no.
108Gye mʼaseda mpae,
O Awurade, na kyerɛ me wʼahyɛde.
109Masiesie me ho sɛ mɛhwere me nkwa; me werɛ mfii wo mmara.
110Amumɔyɛfo sum me firi nanso, mimmuu wʼahyɛde so.
111Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade daa; ɛhyɛ me koma anigye.
112Maka se medi wo mmara so kosi sɛ mewu.

Guankɔbea a ɛwɔ Awurade mmara mu

113Mikyi wɔn a wɔmfa wɔn ho nyinaa nto wo so; nanso medɔ wo mmara no.
114Wone me guankɔbea, me hwɛfo.
Mede mʼanidaso hyɛ wo bɔ no mu.
115Mo, nnebɔneyɛfo nyinaa, mumfi me so nkɔ.
Medi me Nyankopɔn ahyɛde so.
116Ma me ahoɔden sɛnea wohyɛɛ me bɔ no na mɛtena ase.
Nni me huammɔ wɔ mʼanidaso mu.
117So me mu na menya nkwa na daa medi wʼahyɛde so.
118Wopo obiara a onni wo mmara so.
Wɔn adwemmɔne no ho nni mfaso.
119Wo ne amumɔyɛfo di no sɛ wura, enti mepɛ wo nkyerɛkyerɛ.
120Esiane wo nti, misuro; wʼatemmu ama ehu ahyɛ me ma.

Osetie a wɔyɛ ma Awurade mmara

121Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ.
Nnyaa me mma mʼatamfo!
122Hyɛ bɔ sɛ wobɛboa wo somfo.
Mma ahantanfo nhyɛ me so.
123Mahwɛ wo nkwagye, wo gye kwan ama mʼani abu.
124Ma wo daa dɔ no nka me na kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde.
125Meyɛ wo somfo; ma me ntease na mahu wo nkyerɛkyerɛ.
126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi efisɛ, nnipa rebu mmara so.
127Medɔ wʼahyɛde sen sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ pa ara mpo.
128Enti midi wo nkyerɛkyerɛ so; mekyi akwammɔne.

Pɛ a wɔpɛ Awurade mmara sodi

129Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nwonwa.
Mede me koma nyinaa tie.
130Wo nkyerɛkyerɛ no kyerɛ me hann na ɛma nea onnim no nyansa.
131Mede ahopere bue manom pɛ wʼahyɛde akyi kwan.
132Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo no.
133Sɛnea woahyɛ me bɔ no, mma mennhwe ase.
Mma bɔne nni me so.
134Gye me fi wɔn a wɔhyɛ me so no nsam, sɛnea medi wʼahyɛde so.
135Ma ba a woba me nkyɛn no nhyira me, na kyerɛ me wo mmara.
136Me nusu gu te sɛ asubɔnten efisɛ, nnipa ntie wo mmara.

Atɛntrenee a ɛwɔ Awurade mmara mu

137Woyɛ ɔtreneeni,
Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
138Mmara a wode ama no ye na ɛteɛ.
139Mʼabufuw hyehye me sɛ ogya efisɛ, mʼatamfo mmu wʼahyɛde no.
140Akyinnye nni wo bɔhyɛ ho!
Mʼani gye ho!
141Menka hwee, na wommu me, nanso mempo wo nkyerɛkyerɛ no.
142Wo treneeyɛ bɛtena hɔ daa daa.
Wo mmara no yɛ nokware daa.
143Ɔhaw ne ahopere ahyɛ me ma nanso wʼahyɛde ma me ahosɛpɛw.
144Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware daa; kyɛ me ntease na mɛtena ase.

Ogye mpaebɔ

145Mede me koma nyinaa mefrɛ wo.
Gye me so,
Awurade, na medi wʼahyɛde so.
146Mefrɛ wo; gye me na medi wo mmara so.
147Ansa na owia bepue no, mɛfrɛ wo na woaboa me.
Mede me ho to wo bɔhyɛ no so.
148Anadwo nyinaa menna na midwen wo nkyerɛkyerɛ no ho.
149Esiane sɛ wo dɔ wɔ hɔ daa nti, tie me;
O Awurade, hu me mmɔbɔ na fa me nkwa sie!
150Atirimɔdenfo a wɔtaa me no retwiw bɛn me; nnipa a wonni wo mmara so no.
151Nanso wobɛn me,
Awurade, na wʼahyɛde nyinaa tim hɔ daa.
152Mmere bi a atwam no, misuaa wo nkyerɛkyerɛ; woma ɛtenaa hɔ daa daa.

Mmoa

153Hwɛ amane a merehu na gye me nkwa efisɛ, mempoo wo mmara no.
154Bɔ me ho ban na menne me ho.
Gye me nkwa sɛnea woahyɛ me bɔ no.
155Wɔrennye amumɔyɛfo nkwa efisɛ, wonni wo mmara so.
156Nanso,
Awurade, wʼahummɔbɔ so; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
157Mewɔ atamfo ne wɔn a wɔhyɛ me so pii, nanso mimmu wo mmara no so.
158Sɛ mehwɛ saa nkontompofo no a, wɔn ho yɛ me tan efisɛ, wonni wʼahyɛde so.
159Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho,
Awurade.
Wo dɔ nsakra, enti gye me!
160Wo mmara no koma yɛ nokware na wʼatɛntrenee nyinaa wɔ hɔ daa.

Awurade mmara mu ahofama

161Tumidifo bi taa me kwa, nanso mede nidi ma wo mmara.
162Wo bɔhyɛ no ma me ahotɔ; me ho tɔ me sɛ obi a watu agyapade bi ahu.
163Mikyi nkontompo nyinaa na mʼani gye wo mmara no ho.
164Meda wo ase mpɛn ason da biara wɔ wʼatɛntrenee no ho.
165Wɔn a wɔpɛ wo mmara no wɔ banbɔ a biribiara rentumi mma wɔnhwe ase.
166Metwɛn sɛ wubegye me,
Awurade, na meyɛ nea wohyɛ me.
167Midi wo nkyerɛkyerɛ so.
Me dɔ no wɔ me koma mu nyinaa.
168Midi wʼahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so; wuhu nea meyɛ nyinaa.

Mmoa mpaebɔ

169Ma me sufrɛ nnu wʼanim,
Awurade!
Ma me ntease sɛnea woahyɛ me bɔ no.
170Tie me mpaebɔ na gye me sɛnea wo bɔhyɛ kyerɛ no.
171Mɛkamfo wo daa efisɛ, wokyerɛ me wo mmara.
172Mɛto wo mmara no ho dwom efisɛ, wʼahyɛde yɛ nokware.
173Daa siesie wo ho sɛ wobɛboa me efisɛ, midi wʼahyɛde akyi.
174Mʼani agyina wo nkwagye mmoa,
O Awurade!
Menya ahotɔ wɔ wo mmoa no mu.
175Ma me nkwa sɛnea metumi akamfo wo.
Wo nkyerɛkyerɛ no mmoa me.
176Mikyinkyin sɛ oguan a wayera enti bɛhwehwɛ me, wo somfo, efisɛ, mempoo wo mmara no.
Copyright information for TwiNAK