Psalms 120

Mmoa mpaebɔ

1Bere a mewɔ ɔhaw mu no, mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so.
2 Awurade, gye me fi atorofo ne nnaadaafo nsam.
3Mo atorofo, munim nea Onyankopɔn bɛyɛ mo?
Munim asotwe a ɔbɛtwe mo?
4Ɔde asraafo agyan a ano yɛ hwirenhwiren ne gyabiriw a adɔ kɔɔ!
5Mo mu tena yɛ tan sɛ Mesek ne Kedar tena.
6Me ne wɔn a wokyi asomdwoe atena akyɛ!
7Meka asomdwoe ho asɛm a, wɔpere ɔko.
Copyright information for TwiNAK