Psalms 121

Awurade, yɛn hwɛfo

1Mɛma mʼani so makyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba?
2Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no.
3Ɔremma wo nan nwatiri.
Nea ɔhwɛ wo no, rentɔ nko.
4Nea ɔhwɛ Israel no, rentɔ nko na ɔrenna.
5 Awurade ne wo hwɛfo; ɔwɔ wo nkyɛn bɔ wo ho ban.
6Owia renhye wo awia, na ɔsram nso renhyerɛn wo so anadwo.
7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi bɔne nyinaa ho.
Ɔbɛhwɛ wo so.
8 Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fie ba so afi mprenpren de akosi daa.
Copyright information for TwiNAK