Psalms 126

Ogye mpaebɔ

1Bere a Awurade san de yɛn baa Yerusalem no, na ɛyɛ yɛn sɛ dae.
2Yɛserewee na yɛtoo ahosɛpɛw nnwom!
Na aman foforo ka faa yɛn ho se, “Awurade yɛɛ nneɛma akɛse maa wɔn.”
3Ampa ara ɔyɛɛ nneɛma akɛse maa yɛn; ɛyɛɛ anigyesɛm maa yɛn!
4 Awurade, fa yɛn san kɔ yɛn asase so sɛnea osu san de nsu kɔ subon a emu awo mu no.
5Ma wɔn a woduaa no nusu mu no ntwa no anigye so!
6Wɔn a wɔde osu kɔsoaa aba no de anigye de nnɔbae bɛto ahosɛpɛw dwom asan aba.
Copyright information for TwiNAK