Psalms 140

Banbɔ mpaebɔ

1 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; na bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam.
2Daa wɔdwene bɔne ho na wɔakɔka ntɔkwaw.
3Wɔn tɛkrɛma te sɛ awɔ a bɔre ahyɛ wɔn ma.
4 Awurade, bɔ me ho ban fi amumɔyɛfo tumi ase; gye me fi basabasayɛfo a wɔdwene tia me, pɛ mʼasehwe no nsam.
5Ahantanfo asum me firi; wɔasum wɔn mfiri na ɔkwan ho nyinaa wɔasunsum mfiri repɛ me ayi me.
6Meka kyerɛ Awurade se, “Wone me Nyankopɔn.” Tie me sufrɛ na boa me,
Awurade!
7 Awurade me Nyankopɔn, me hwɛfo dennen, woabɔ me ho ban wɔ ɔko mu.
8 Awurade, mfa nea amumɔyɛfo hwehwɛ mma wɔn; mma wɔn nsusuw bɔne no nnni nkonim.
9Mma mʼatamfo nnni nkonim.
Ma ahunahuna a wɔrehunahuna me no ntew mfa wɔn so.
10Ma nnyansrama ngu wɔn so.
Ma wɔntow wɔn ngu amoa donkudonku a wɔrentumi mfi bio mu.
11Ma wɔn a wɔka nsɛmmɔne gu wɔn yɔnkonom so no nni nkogu.
Ma bɔne nni basabasayɛfo so na ɛnsɛe wɔn.
12 Awurade, minim sɛ woko gye ahiafo ma wonya wɔn kyɛfa.
13Atreneefo bɛkamfo wo ampa; wɔbɛtena nkwa mu wɔ wo nkyɛn.
Copyright information for TwiNAK