Psalms 25

Akwankyerɛ ne ogye mpaebɔ

1O, wo Awurade na mebɔ wo mpae;
2wo mu, me Nyankopɔn, na mahotoso wɔ.
Gye me fi nkogu animguase mu.
Mma mʼatamfo ani mmmere me.
3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nni nkogu, na mmom wɔn a wɔsɔre tia wo no.
4Kyerɛ me wʼakwan,
O Awurade; da no adi kyerɛ me.
5Kyerɛ me na mentena ase wo nokware mu; efisɛ, wo ne me Nyankopɔn a wugye me nkwa.
Daa mede me ho to wo so.
6Kae,
O Awurade, wʼadɔe ne wo dɔ a efi tete woada no adi akyerɛ me no.
7Fa me mmabun mu bɔne ne mfomso kyɛ me.
Kae me wo dɔ a wode dɔ me daa no,
Awurade!
8Esiane sɛ Awurade yɛ ɔtreneeni na oye nti, ɔkyerɛ nnebɔneyɛfo kwan a wɔmfa so.
9Ɔkyerɛ ahobrɛasefo ɔkwan pa ne nʼapɛde.
10Ɔde nokware ne ɔdɔ di wɔn a wodi nʼapam ne ne mmara so no anim.
11Di wo bɔhyɛ so,
Awurade, na fa me bɔne kyɛ me, efisɛ, ɛdɔɔso.
12Wɔn a wotie Awurade no behu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so.
13Wobenya nkɔso daa, na wɔn mma afa asase no.
14 Awurade fa wɔn a wotie no no nnamfo, na ɔne wɔn hyɛ nʼapam no mu den.
15Mede me ho to Awurade so sɛ ɔmmoa me daa nyinaa; ogye me fi amane mu.
16Dan wʼani hwɛ me,
O Awurade, na hu me mmɔbɔ efisɛ, meyɛ ɔbaakofo a mayɛ mmerɛw.
17Yi me dadwene ne me haw nyinaa fi me so.
18Dwen me mmɔborɔyɛ ne mʼamanehunu ho na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.
19Hwɛ atamfo dodow a mewɔ; hwɛ ɔtan a wɔtan me.
20Bɔ me ho ban na gye me nkwa.
Yi me fi nkogu mu.
Merebɛpɛ guankɔbea wɔ wo nkyɛn.
21Me trenee ne me nokware nhwɛ me so efisɛ, mewɔ wo mu ahotoso.
22O,
Onyankopɔn, gye wo man Israel fi wɔn haw mu.
Copyright information for TwiNAK