Psalms 48

Sion, Onyankopɔn kurow

1 Awurade yɛ ɔkɛse enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo no yiye wɔ yɛn Nyankopɔn kurow a ɛwɔ bepɔw kronkron no so no mu.
2Sion,
Onyankopɔn bepɔw no korɔn na ɛyɛ fɛ.
Ɔhene kɛse no kurow no de ahosɛpɛw ba wiase mmaa nyinaa.
3Onyankopɔn ada no adi sɛ asomdwoe wɔ ne mu wɔ kurow no aban akɛse no mu.
4Ahemfo yi boaa wɔn ho ano kotuaa Sion bepɔw.
5Nanso wohui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
Wosuroe, enti woguanee.
6Ɛhɔ na ehu ne ɔhonam mu yaw kaa wɔn te sɛ ɔbea a awo aka no,
7anaasɛ ɛhyɛn a ɛrebɔ mpata biribibiri wɔ ahum mu.
8Yɛate nea Onyankopɔn ayɛ na mprempren yɛahu wɔ yɛn Nyankopɔn,
Awurade Tumfoɔ kurow no mu; ɔbɛbɔ kurow no ho ban daa daa.
9Wo fi no mu,
O Onyankopɔn, na yedwen daa dɔ a wowɔ no ho.
10Nnipa kamfo wo mmaa nyinaa, na wo din atrɛw wɔ asase so mmaa nyinaa.
Wudi hene nokwarem.
11Ma Sionfo ani nnye.
Wubu atɛntrenee.
Ma ahosɛpɛw mmra Yuda nkurow mu!
12Onyankopɔn nkurɔfo twa Sion ho hyia kan nʼabantenten.
13Hwɛ nʼafasuw na hwɛ nʼaban akɛse no yiye na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14“Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa.
Obedi yɛn anim nna a ɛreba no nyinaa mu.”
Copyright information for TwiNAK