Psalms 5

Ogye mpaebɔ

1O Awurade, tie me mpaebɔ ne mʼahomegu.
2Me Nyankopɔn ne me Hene, tie me sufrɛ na boa me.
3O,
Awurade, wote me nne anɔpa.
Owia pue a, mebɔ mpae na metwɛn wo mmuae.
4Wonyɛ Onyankopɔn a adebɔne sɔ wʼani, na womma bɔne ho kwan wɔ wʼanim.
5Wokyi ahantanfo na wukyi nnebɔneyɛfo nso.
6Wosɛe atorofo na wubu basabasayɛfo ne asisifo animtia.
7Nanso esiane wo dɔ bebrebe nti, mitumi ba wo fi.
Mitumi som wo wɔ wʼasɔredan kronkron no mu, na mekotow wo wɔ nidi mu.
8 Awurade, mewɔ atamfo bebree.
Kyerɛ me kwan na menyɛ wʼapɛde; kyerɛ me.
Kyerɛ me kwan na memfa so.
9Nea mʼatamfo ka no nnim.
Ɔpɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔsɛe me.
Nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛ wɔ wɔn nsɛm mu, nanso ne nyinaa yɛ awudisɛm.
10O Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, na twe wɔn aso.
Na ma wɔn adwemmɔne mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu.
Esiane wɔn bɔne dodow ne tia a wɔsɔre tia wo no nti, pam wɔn fi wʼanim.
11Nanso wɔn a wonya wo nkyɛn guankɔbea no ani gye; na daa wobetumi ato dwom anigye so.
Bɔ wɔn a wɔdɔ wo no ho ban.
Esiane wo nti, wɔwɔ anigye.
12 Awurade, wuhyira wɔn a wotie wʼasɛm.
Wo dɔ bɔ wɔn ho ban sɛ kyɛm.
Copyright information for TwiNAK