Psalms 58

Mpae a wɔbɔ ma Onyankopɔn twe amumɔyɛfo aso

1Ampa ara sɛ mo atumfoɔ mubu atɛntrenee?
Mubu nnipa nyinaa atɛn pɛpɛɛpɛ?
2Dabi!
Mudwen amumɔyɛ a mubetumi nko ara ho na moayɛ bɔne akɛse wɔ asase no so.
3Amumɔyɛfo fom daa wɔ wɔn nkwa nna mu.
Wodi atoro fi da a wɔde woo wɔn.
4Bɔre ahyɛ wɔn ma te sɛ awɔ.
Wosisiw wɔn aso te sɛ ɔprammini sotifo
5a ɔnte ɔwɔ ntafowayifo no nne, anaa nkonyaayifo a ɔyɛ den dwom.
6Bubu saa agyata a wɔn ho yɛ hu yi se,
O Onyankopɔn.
7Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuansu; ma wɔnyam wɔn sɛ wura a egu kwan mu.
8Ma wɔnyɛ sɛ nwaw a amanaman fa wɔn.
Ma wɔnyɛ sɛ abanoma a owu awoe na onhu hann.
9Ansa na wobehu no na wɔatwa wɔn sɛ wura, na Onyankopɔn abufuw mu, obehuw wɔn agu wɔ bere a wɔte ase.
10Sɛ wɔtwe nnebɔneyɛfo aso a, atreneefo ani begye.
Wɔbɛnantew afa amumɔyɛfo no mogya mu.
11Nnipa bɛka se, “Ampa ara wɔatua atreneefo ka na, nokware,
Onyankopɔn a obu wiase atɛn wɔ hɔ.”
Copyright information for TwiNAK