Psalms 59

Ogye mpaebɔ

1Gye me fi mʼatamfo nsam, me Nyankopɔn; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me so no ho.
2Gye me nkwa fi saa amumɔyɛ fo no nsam.
Gye me fi awudifo no nsam.
3Hwɛ!
Wɔretwɛn akum me; atirimɔdenfo reboa wɔn ho ano atia me.
Ɛnyɛ bɔne bi anaa biribi a enye bi na mayɛ;
4ɛnna ɛnyɛ me mfomso bi nti,
O Awurade, a enti wɔka wɔn ho kɔ wɔn atenae no.
5Sɔre,
Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ na bɛboa me; wʼankasa bɛhwɛ, Israel Nyankopɔn.
Sɔre na twe manmufo aso.
Nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ!
6Wɔsan ba anwummere pɔ so wɔ kurow no mu te sɛ akraman.
7Tie wɔn kasatia ne wɔn ahunahuna.
Wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante wɔ wɔn anom, nanso wosusuw sɛ obi nte wɔn nka.
8Nanso woserew wɔn,
Awurade.
Wudi manmufo ho fɛw.
9Mewɔ gyidi wɔ wʼahoɔden mu.
Woyɛ me guankɔbea,
O Onyankopɔn.
10Me Nyankopɔn dɔ me na ɔbɛba me nkyɛn.
Ɔbɛma mahu sɛ wadi mʼatamfo so.
11Nkum wɔn,
O Onyankopɔn, na me nkurɔfo werɛ befi.
Fa wʼahoɔden bɔ wɔn pete na di wɔn so, O Awurade, yɛn gyefo.
12Bɔne wɔ wɔn anofafa so; nsɛm a efi wɔn anom nyinaa yɛ bɔne.
Ma wɔnkyere wɔn wɔ wɔn ahantan mu!
Efisɛ, wɔdome, di atoro nso.
13Sɛe wɔn wʼabufuw mu; sɛe wɔn koraa.
Saa na ɛbɛma obiara ahu sɛ Onyankopɔn di Israel so, na nʼahenni trɛw kɔ asase so mmaa nyinaa.
14Mʼatamfo san ba anwummere, pɔ so kyinkyin kurow no mu
15te sɛ akraman a wɔrepɛ aduan adi, na sɛ wɔannya bi anni ammee a, wonwiinwii.
16Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom; anɔpa biara, mɛto daa ɔdɔ a wowɔ no ho dwom dennen.
Woayɛ me guankɔbea, me guankɔbea ɔhaw mu.
17Mɛkamfo wo, me gyefo.
Me guankɔbea ne Onyankopɔn,
Onyankopɔn a ɔdɔ me no.
Copyright information for TwiNAK