Psalms 80

Ɔman foforoyɛ mpaebɔ

1Tie yɛn,
O Israel guanhwɛfo; tie yɛn, wo nguan sohwɛfo panyin.
Wo a wote wʼahengua a esi atakraboa ntaban so no,
2da wo ho adi kyerɛ Efraim,
Benyamin ne Manase mmusuakuw no.
Da wʼahoɔden adi; bra begye yɛn nkwa.
3Fa yɛn san bra,
O Onyankopɔn!
Hu yɛn mmɔbɔ na yebenya nkwa.
4Wo bo befuw wo nkurɔfo mpaebɔ akosi bere bɛn,
Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn?
5Woama yɛn awerɛhow sɛ yenni ne nusu kuruwa kɛse ma sɛ yɛnnom.
6Ma aman a atwa yɛn ho ahyia no nko yɛn asase no so; yɛn atamfo kasa tia yɛn.
7San fa yɛn bra,
Otumfoɔ Nyankopɔn!
Hu yɛn mmɔbɔ na wobegye yɛn nkwa.
8Wode bobe fi Misraim bae.
Wopamoo aman foforo bi fii hɔ na wuduaa wɔ wɔn asase so.
9Wusiesiee baabi sɛnea ebenyin.
Ne ntini no kɔɔ asase mu na ɛtrɛtrɛw asase no so nyinaa.
10Ɛde ne nhwini kata nkoko so na nʼabaa no kata sida nnua so.
11Nʼabaa dennanee koduu ɛpo so kɔe ara koduu asu Efrata so.
12Adɛn nti na wubuu ban a atwa ho ahyia no?
Mprempren, obiara a ɔbɛfa hɔ no betumi awia nʼaba no bi;
13na kɔkɔte tiatia so na wuram mmom awe.
14Otumfoɔ Nyankopɔn, dan wʼani hwɛ yɛn.
Hwɛ yɛn fi soro hɔ; bra na begye wo nkurɔfo nkwa!
15Begye bobe a wuduae na nkwa; saa bobe ketewa a woma enyin ahoɔden so no!
16Yɛn atamfo ato mu gya atwa akyene; fa wʼabufuw hwɛ wɔn na sɛe wɔn.
17Hwɛ nnipa a woayi wɔn no so na bɔ wɔn ho ban; ɔman a wugyinaa no ahoɔden so no.
18Yɛrennan yɛn ho mfi wo ho bio.
Ma yɛn nkwa na yɛbɛkamfo wo.
19Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn, san fa yɛn bra.
Hu yɛn mmɔbɔ na wobegye yɛn nkwa.
Copyright information for TwiNAK