Psalms 93

Ɔhene Nyankopɔn

1 Awurade yɛ ɔhene.
Ɔwɔ tumi ne ahoɔden.
Wabɔ asase ma atim dennen na wɔrentumi ntu.
2O Awurade, wʼahengua ase atim fi mfitiase na wowɔ hɔ ansa na wɔrehyɛ bere ase.
3Ɛpo ase pɛɛ ma ne nne so,
O Awurade; wɔma wɔn nne so woro so.
4 Awurade yɛ Otumfoɔ wɔ soro sen ɛpo nworoso ne nʼasorɔkye a ano yɛ den.
5Wo mmara tim hɔ daa,
Awurade, na wo fi yɛ kronkron daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK