Psalms 94

Onyankopɔn, obiara temmufo

1 Awurade, woyɛ Onyankopɔn a wotwe aso, da wʼabufuw adi!
2Woyɛ nnipa nyinaa temmufo.
Sɔre na fa nea ɛfata ahantanfo ma wɔn!
3Amumɔyɛfo ani begye akosi da bɛn?
Da bɛn Awurade?
4Awudifo bɛyɛ ahantan ahoahoa wɔn ho wɔ wɔn awudi mu akosi da bɛn?
5Wobubu wo nkurɔfo,
Awurade, wɔka wo nkurɔfo hyɛ.
6Wokunkum akunafo ne nyisaa ne amanfrafo a wɔte yɛn asase so.
7Wɔka se, “Awurade nhu yɛn;
Israel Nyankopɔn nhu.”
8Me nkurɔfo, adɛn nti na ɛsɛ sɛ moyɛ agyimifo saa?
Da bɛn na mubesua nyansa?
9Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn aso; ɔnte asɛm?
Ɔbɔɔ yɛn ani; onhu ade?
10Ɔno na aman hyɛ nʼase; ɔrentwe wɔn aso?
Ɔno ne nnipa nyinaa kyerɛkyerɛfo; onni osuahu bi?
11 Awurade nim wɔn nsusuwii.
Onim nyansa a enni wɔn nsusuwii mu no.
12 Awurade, ahotɔ bɛn na onipa a wokyerɛ no no nnya; onipa a wokyerɛ no wo mmara no.
13Woma ɔhome fi nna a ɔhaw wɔ mu mu kosi sɛ wotu amoa ma omumɔyɛfo tɔ mu.
14 Awurade rennyaw ne nkurɔfo; ɔrentew ne ho mfi wɔn a wɔyɛ ne de ho.
15Wobebu atɛntrenee wɔ asennii bio, na atreneefo apene so.
16Hena na osii mʼananmu, ko tiaa amumɔyɛfo?
Hena na osii mʼananmu ko tiaa nnebɔneyɛfo?
17Awurade ammoa me a anka mekɔɔ kommyɛbea.
18Mekae se, “Meretew ahwe;” nanso,
O Awurade, wo dɔ a ɛnsa da no soo me mu.
19Bere biara a me ho ntɔ me no, wokyekye me werɛ ma mʼani gye.
20Wo ne atemmufo a wobu atɛnkyew ma atɛnkyew yɛ atɛntrenee
21na wɔpam tia nnipa pa na wobu wɔn kumfo no nni biribiara yɛ.
22Nanso Awurade bɔ me ho ban; me Nyankopɔn bɔ me ho ban.
23Ɔbɛtwe wɔn aso wɔ wɔn amumɔyɛ no ho na wɔn bɔne nti, wasɛe wɔn;
Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.
Copyright information for TwiNAK