Psalms 96

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

1To dwom foforo ma Awurade!
Monto mma Awurade, wiasefo nyinaa!
2Monto mma Awurade na monkamfo no!
Daa mompae mu nka asɛmpa no se wagye yɛn nkwa.
3Monka nʼanuonyam ho asɛm ne nneɛma akɛse a wayɛ ama nnipa nyinaa nkyerɛ aman.
4 Awurade yɛ ɔkɛseɛ enti ɔsɛ nkamfo.
Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam sen anyame a aka no nyinaa.
5Anyame a wɔwɔ aman a aka so no nyinaa yɛ ahoni.
Nanso Awurade bɔɔ ɔsoro.
6Anuonyam ne kɛseyɛ atwa ne ho ahyia.
Tumi ne ahotew ahyɛ ne fi ma.
7Monkamfo Awurade, nnipa a mowɔ asase so nyinaa; monkamfo nʼanuonyam ne ne tumi.
8Monkamfo Awurade din a anuonyam wɔ mu no; momfa afɔrebɔde mmra na mommra nʼasɔrefi.
9Sɛ ofiti na ɔreba a, kotow ɔkronkronni no.
Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ nʼanim!
10Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade ne hene!
Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn a ɛnka ne ho; obebu nnipa atɛntrenee.”
11Asase ne wim, momma mo ani nnye.
Ɛpo ne mu abɔde nyinaa nworo so;
12mfuw ne biribiara a ɛwɔ mu, mo ani nnye!
Nnua a ɛwɔ kwaem de ahosɛpɛw bɛteɛm
13bere a Awurade rebedi asase so no.
Obedi wiasefo so nokwarem.
Copyright information for TwiNAK