Psalms 97

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

1 Awurade yɛ ɔhene!
Asase, ma wʼani nnye!
Nsupɔw a ɛwɔ po mu nyinaa, monsɛpɛw mo ho!
2Omununkum ne esum atwa ne ho ahyia; odi hene atɛntrenee ne nokware mu.
3Ogya di nʼanim a ɛrehyew nʼatamfo a wɔatwa ne ho ahyia no.
4Nʼanyinam hyerɛn wiase nyinaa; asase hu ma ne ho popo.
5Mmepɔw nan te sɛ nku wɔ Awurade anim,
Awurade a asase nyinaa yɛ ne de anim.
6Ɔsorofo da ne trenee adi, na aman nyinaa hu nʼanuonyam.
7Wogu obiara a ɔsom ahoni no anim ase; anyame nyinaa kotow Awurade anim.
8Nnipa a wɔwɔ Sion ani agye, na Yuda nkurow nso ho sɛpɛw wɔn ma wʼatɛn a worebebu no,
O Awurade.
9 Awurade Tumfoɔ, wo na wudi asase nyinaa so; woso sen anyame nyinaa mpɛn bebree.
10 Awurade dɔ wɔn a wokyi bɔne; ɔbɔ ne nkurɔfo nkwa ho ban.
Ogye wɔn fi amumɔyɛfo tumi ase.
11Hann hyerɛn atreneefo so, na anigye ba wɔn a wɔyɛ papa so.
12Mo atreneefo nyinaa mo ani nnye wɔ nea Awurade ayɛ ama mo no nti!
Monkae nea Onyankopɔn kronkron no ayɛ, na monna no ase.
Copyright information for TwiNAK