Joshua 12
Ahemfo A Wodii Wɔn So Wɔ Yordan Apuei Fam
1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.
2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.
Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
3Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
4Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
5 Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
6 Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.
Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So
7Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, 8 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
9 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
10 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
11 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
12 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
13 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
14 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
15 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
16 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
17 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
18 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
19 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
20 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
21 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
22 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
23 ▼▼ This verse is empty because in this translation its contents have been moved to form part of verse Yos 12:24.
24 ▼
▼ In this translation, this verse contains text which in some other translations appears in verses Yos 12:8-Yos 12:24.
a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:cv Yerikohene | baako |
Ai a ɛbɛn Bet-El hene | baako |
cv Yerusalemhene | baako |
Hebronhene | baako |
cv Yarmuthene | baako |
Lakishene | baako |
cv Eglonhene | baako |
Geserhene | baako |
cv Debirhene | baako |
Gaderhene | baako |
cv Hormahene | baako |
Aradhene | baako |
cv Libnahene | baako |
Adulamhene | baako |
cv Makedahene | baako |
Bet-Elhene | baako |
cv Tapuahene | baako |
Heferhene | baako |
cv Afekhene | baako |
Lasaronhene | baako |
cv Madonhene | baako |
Hasorhene | baako |
cv Simronhene | baako |
Aksafhene | baako |
cv Taanakhene | baako |
Megidohene | baako |
cv Kedeshene | baako |
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene | baako |
cv Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, | baako |
amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne | baako |
cv Tirsahene | baako |
Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako. |
Copyright information for
TwiAKNA