Psalms 107:1-6

Nnwom 107–150


1 Monna Awurade ase na oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.


2 Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,
wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;

3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no,
efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.


4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so,
a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.

5 Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn
na wɔtotɔɔ beraw.

6 Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,
na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.
Copyright information for TwiAKNA