Psalms 90:1-6
Nnwom 90–106
Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.
1 Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea
awo ntoatoaso nyinaa mu.
2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw
anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no,
na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.
3 Woma adesamma san dan mfutuma,
ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”
4 Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ
da koro a abɛsen mprempren,
anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.
5 Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu;
wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,
6 ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de,
nanso anwummere ɛwo na etwintwam.
Copyright information for
TwiAKNA