2 Samuel 24:16-21

16Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, “Eye! Gyae.” Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.

17Bere a Dawid huu ɔbɔfo no, ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Me na mayɛ bɔne. Eyinom de wonnim ho hwee, dɛn na wɔayɛ? Ma wo bɔfo nsɛe me ne me fifo.”

Dawid Si Afɔremuka

18Da no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kosi afɔremuka ma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.”

19Na Dawid kɔyɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 20Bere a Arauna huu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, opue bɛkotow ɔhene, de nʼanim butuw fam.

21Arauna bisae se, “Adɛn nti na woaba, me wura?”

Dawid buae se, “Merebɛtɔ awiporowbea hɔ, na masi afɔremuka wɔ hɔ ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”

Copyright information for TwiAKNA