Genesis 1:2-7

2Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.

3Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. 4Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho. 5Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.

6Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.” 7Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.
Copyright information for TwiAKNA