James 3:13-18

13Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi. 14Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛno de ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na mofa so ka nkontompo tia nokware. 15Saa nyansa yi mfi ɔsoro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. 16Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.

17Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. 18Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu.
Copyright information for TwiAKNA