Numbers 25:1-2

Moabfo Daadaa Israelfo

1Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi. 2Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso.
Copyright information for TwiAKNA