Proverbs 1:2-7
2 Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;
ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
3 sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu,
a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;
4 sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa
na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,
5 anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,
na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a
6 ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,
anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.
7 Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase,
na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.
Nyansapɛ Ho Afotusɛm
Copyright information for
TwiAKNA