Psalms 73:1-6
Nnwom 73–89
Asaf dwom.
1 Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel,
oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.
2 Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri;
anka merehwere me nnyinaso,
3 efisɛ mʼani beree ahantanfo
bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.
4 Wonni aperepere;
na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.
5 Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so;
ɔdesani haw biara nna wɔn so.
6 Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade,
na wofura akakabensɛm.
Copyright information for
TwiAKNA